Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wɔnni biribi a wɔdie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:2
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔfam a wɔato no nnyansramma so ne nsu kuruwa si n’atifi; na odidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae.


Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.


Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.


AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.


yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no, ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ; na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa agu ɛpo bun mu.


Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.


Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.


Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.


Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.


Nanso Yesu amma no kwan, na osee no sɛ: Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a Awurade ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!


Na wɔde ɔkorow siim mu kɔɔ sare so fa baabi.


Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.


Na sɛ migya wɔn kwan na wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; efisɛ wɔn mu binom fi akyirikyiri na ɛbae.


na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.


Na Awurade huu ɔbea no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na osee no sɛ: Nsu!


Enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nneɛma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.


sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan