Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ogyaw wɔn tenaa ɔkorow mu bio kɔɔ asuogya noho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔtenaa kodoɔ mu bio kɔɔ asuogya nohoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na ogyaw wɔn tenaa ɔkorow mu bio kɔɔ asuogya noho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:13
15 Iomraidhean Croise  

Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu.


Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ: AWURADE atemmusɛm ne dɛn? A, ɛnne kyerɛ wɔn atemmusɛm ko no, na mesum mo magu, AWURADE asɛm ni.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Na sɛ wɔyɛn wɔn mma po a, mɛma wɔadi awommawu na obi anka; na sɛ metwe me ho mifi wɔn ho a, wonnue ara!


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Na oguu ahome ne honhom mu kae sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne yi? Nokware mise mo sɛ: Wɔremma nnɛ mma yi sɛnkyerɛnne biara.


Na wɔn werɛ fii sɛ wɔfa abodoo, na wonni biribi wɔn nkyɛn ɔkorow no mu sɛ abodoo biako pɛ.


Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.


Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee.


Ɛnna osee wɔn bio sɛ: Me de, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mubewu mo bɔne mu; na nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan