Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 8:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfitii aseɛ bisabisaa no nsɛm, hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ a ɛfiri soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 8:11
27 Iomraidhean Croise  

Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Na Israelfo no ham ne ɔsɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛe sɛ: So AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ onni yɛn mu no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba, ase ne: Sɔhwɛ ne Ɔham.


Na afei yɛn de, yebu ahantanfo ahotɔfo; wɔn a wodi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wofi mu guan nso.


Ɛnna kyerɛwfo ne Farisifo no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi fi wo hɔ.


Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?


Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?


Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu.


Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ?


Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no


Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!


Na kyerɛwfo a wofi Farisifo mu no hui sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo redidi yi?


Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi?


Na hwɛ, mmarakyerɛfo bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?


Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne bi a efi soro.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ?


Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?


Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsatea kyerɛkyerɛw fam.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no.


Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan