Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na sɛ wɔfiri dwa ase ba, na wɔanhohoro wɔn ho a, wɔnnidi; na nnoɔma pii keka ho a wɔgyee sɛ wɔbɛkuta mu, nkuruwa ne mpɔɔdɔ ne kɔbere mfrafraeɛsɛn ne nnamu ho hohorɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na sɛ wofi gua so ba na wɔanhohoro wɔn ho a, wonnidi; na nneɛma pii keka ho a wogyei sɛ wobekura mu, nkuruwa ne nkuku ne kɔberesɛn ne adidii ntwerimu ho hohoro).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:4
15 Iomraidhean Croise  

Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE,


Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.


na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkora misisii Rekabfo fi mma no anim, na misee wɔn sɛ: Monnom nsa.


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwiw kuruwa ne ayowa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifudepɛ ahyɛ no ma.


Farisini nifuraefo, hohoro kuruwa ne ayowa no mu kan, na akyiri nso afi.


Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!


Na moagyaw Onyankopɔn ahyɛde kura nnipa atetesɛm mu.


Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.


Ɛnna ahodwira ho akyinnyegye bi sɔree Yohane asuafo ne Yudafo ntam.


na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan