Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 7:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwemmɔne firi ba: Adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 7:21
37 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?


Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so.


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.


Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.


AWURADE dwiriw ahantanfo fi, na ɔhyɛ okunafo hye so den.


Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.


Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.


na mo de, mudi asɛmmɔne sen mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo koma bɔne denyɛ akyi a muntie me,


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Hohoro wo koma ho fi bɔne mu, Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkosi?


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne,


Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.


Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?


Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi.


ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.


Ɛwɔ hɔ no, ɛnyɛ wo dea? Na wotɔnee no nso, enni wo ankasa wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn.


Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.


Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsode nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnsow aba mma owu.


Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho.


ɛno ɛnyɛ ɔpae na mopaepae mo mu, na moayɛ atemmufo a wokura adwemmɔne?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan