Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no sɛ ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔkɔe kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakra wɔn adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:12
23 Iomraidhean Croise  

Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo.


Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.


Ɛnna ofii ase kaa nkurow a wayɛ ne tumidi pii wom no anim sɛ wɔnnsakraa wɔn adwene, ɔkae sɛ:


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.


Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!


Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ!


Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka nti wɔsakraa wɔn adwene. Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha yi.


Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Mise mo sɛ: Ɛnte sa, na mmom sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.


Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduakron akron a enhia wɔn adwensakra.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara.


Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fakyɛ, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.


na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.


na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.


Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan