Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:11
20 Iomraidhean Croise  

Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so.


Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.


Na osee wɔn sɛ: Baabiara a mobɛhyɛn ofi bi mu no, ɛhɔ na montena nkodu sɛ mubefi hɔ akɔ.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mufi kurom hɔ rekɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw mfa nni adanse ntia wɔn.


Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.


ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn sɛnea m’asɛmpa te no.


Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no.


na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde,


Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da;


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.


Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da, efisɛ sɛnea ɔno te no, sɛ nso yɛte ewiase ha ne no.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wɔbɔɔ mmusu kɛse no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ sɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan