Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔfirii kodoɔ mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi firi abodan mu wɔ asieeɛ hyiaa no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 5:2
13 Iomraidhean Croise  

wɔtenatena adamoa mu, deda nkokoam, wodi prakonam, na akyide nkwan wɔ wɔn nkutu mu,


Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm


Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe.


Efisɛ wɔkae sɛ: Ɔwɔ honhom fi.


Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so.


Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho.


Na Yesu tenaa ɔkorow no mu twaa po no baa asuogya bio no, nkurɔfokuw pii behyiaa ne nkyɛn; na ɔwɔ mpoano.


ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenabea. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn po nkyekyere no,


Efisɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, fi onipa no mu!


Na amonom hɔ ara ɔbea bi a ne babea kumaa bi wɔ honhom fi tee ne nka no, ɔba bɛhwee ne nan ase;


Na osii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ no mu dedaadaw a ofi kurow no mu behyiaa no, ɔnhyɛ atade na ɔnte ɔdan biara mu, na mmom abodan mu na ɔte wɔ asiei.


Na ɔreba no, honhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no. Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan