Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:31 - KYERƐW KRONKRON

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wɔdua no fam a ɛyɛ aba ahodoɔ a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

31 Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:31
30 Iomraidhean Croise  

Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na nnipa bebree a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree, bɛkaa Awurade asafo no ho.


Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na nnipa no dodow bɛyɛ sɛ mpemnum.


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, AWURADE, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.


Ne saa nti mɛkyɛ ade mu mama no, nnipa bebree mu, na ɔne ahoɔdenfo akyɛ asade, efisɛ ɔde ne kra too hɔ maa owu, na wɔabu no afra mmaratofo, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofo.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee ne torobɛnto no. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.


Na ɔkae sɛ: Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho?


na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase.


Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ ankye dua yi sɛ: Wo ntini ntutu na kɔtɛw ɛpo mu! Na ebetie mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan