Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:28 - KYERƐW KRONKRON

28 Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

28 Na asase no ara so aba, ɛyi ahahan kane, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ ayuo a anyini bɛtem no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

28 Na asase no ara so aba, ɛyi ahahan kane, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ ayuo a anyini bɛtem no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 Na asase no ara sow aba, eyi ahaban kan, na afei ayɛ bɛtem, na afei ayɛ awi a anyin bɛtem no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:28
19 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua fifii asase so.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.


Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase:


Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.


Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi.


na ɔda na onyan anadwo ne awia, na aba no fifi, na enyin, na onnim sɛnea ɛyɛe.


Na sɛ aba no nyin a, ntɛm ara ɔsoma ma wɔde kantankrakyi kɔ, efisɛ twa bere no adu.


na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no.


na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan