Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 4:17 - KYERƐW KRONKRON

17 na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

17 na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 4:17
23 Iomraidhean Croise  

Sɛ muse: Yɛbesi dɛn atiw no, Na yɛahu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a,


Na nhyira ne nea merento no hintidua.


Eyi nti mise mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm de, wɔremfa nkyɛ nnipa.


nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua.


Na eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn wɔ abo so no: Wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye,


Na eyinom ne wɔn a wogu wɔn wɔ nsɔe mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,


Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bekyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no.


Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa;


Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia.


Wunim eyi, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adan afi me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene.


Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Me nyiano a edi kan no mu, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaw me hɔ; wommmu nngu wɔn so.


Akatua a enye koraa bɛn na mususuw sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde betua nea watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya a wɔde atew ne ho no ahuhude, na wasopa adom honhom no?


Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Minim nea wote, nea Satan ahengua si, na wukura me din mu, na woampa me gyidi, nna a wokum me dansefo nokwafo Antipa wɔ mo hɔ no mu, nea ɔbonsam te hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan