Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔsee n’asuafoɔ no sɛ, nkurɔfokuo no nti wɔmma kodoɔ ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na osee n’asuafo no sɛ, nkurɔfokuw no nti ɔkorow ketewa bi ntwɛn no, na wɔankyere no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:9
9 Iomraidhean Croise  

Na ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔtenaa ɔkorow mu na ɔbaa Magadan ahye so.


Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho.


Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;


Na ntɛm ara Yesu hui ne mu sɛ ahoɔden bi afi ne mu, na ɔdan ne ho nkurɔfokuw no mu kae sɛ: Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade?


Na wɔde ɔkorow siim mu kɔɔ sare so fa baabi.


Na ɛbae sɛ nkurɔfokuw no kyeree no so sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm no, na ogyina Genesaret tare no ho;


Na ɔkɔɔ ɔkorow no biako a ɛyɛ Simon dea no mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfi fam kakra. Na ɔtenaa ase no, ofi ɔkorow no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no.


Ɛnna Yesu hui sɛ wɔrebɛba abɛfa no ahyɛ no de no akosi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan