Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa no mu.” Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn komaden nti ɛyɛɛ no yaw, na osee onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe; na ne nsa no san yɛɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:5
29 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nuu ne ho sɛ, ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.


Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa yi nyɛ yiye mma me! Na Onyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no yɛɛ yiye maa no, na ɛyɛe sɛ kan no.


Na me bo fuwii kɛse, na miyiyii Tobia fi nneɛma no nyinaa fii pia no mu gui,


Mfe aduanan na awo ntoatoaso no ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Ɔman a wɔfom komam ne wɔn. Na wɔn de, wɔanhu m’akwan.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no.


Na obisaa wɔn sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa anaa bɔne homeda? Sɛ wogye obi nkwa anaasɛ wokum no? Na wɔyɛɛ komm.


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?


Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii.


Na ɔhwɛɛ wɔn nyinaa anim hyiae ka kyerɛɛ no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔyɛɛ sa, na ne nsa no san yɛɛ yiye.


na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, kɔhohoro so ɔtare Siloa (a ne nkyerɛase ne: Nea wɔasoma no) mu. Ɛnna osiim kɔe kɔhohoroo so, na ɔbae na ohu ade.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


nanso wɔn adwene mu yɛɛ wɔn sum, na ɛde besi nnɛ mpo, nkataanim no ara da so da apam dedaw kenkan so a wonnya nyii ɛ, efisɛ Kristo mu (nko) na woyi.


Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.


Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so,


Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ.


Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan;


Na ɛhefo ho na ɛyɛɛ no ahi mfirihyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu sare so no anaa?


na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae,


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho,


Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.


Na Yonatan de abufuhyew sɔre fii ɔpon no ho, na wannidi ɔsram no da a ɛto so abien no. Na odii Dawid ho yaw sɛ n’agya asopa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan