Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 3:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na akyerɛwfo a wofi Yerusalem bae no kae sɛ: Ɔwɔ Beelsebub, na ahonhommɔne panyin so na ɔnam tu ahonhommɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 3:22
14 Iomraidhean Croise  

Na Ahasia fii n’abansorodan a ɛwɔ Samaria no mfɛnsere mu hwee ase, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkobisa Ekron nyame Baalsebub sɛ menya yare yi mu nkwa anaa?


Na me de, meyɛ aboa,, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohorade ne ɔman akyiwade.


Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo?


Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne.


Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Ɛnna Kyerɛwfo ne Farisifo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ:


Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne.


Na Farisifo ne kyerɛwfo no mu binom a wofi Yerusalem bae behyiaa ne nkyɛn.


Na wɔn mu binom kae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.


Na Asɔrefidwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔw bere aba.


Nkurɔfokuw no buae sɛ: Wowɔ honhommɔne; hena na ɔhwehwɛ wo akum wo?


Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan