Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu hunuu wɔn adwene no, ɛhɔ ara, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moma asɛm a mekaeɛ yi ha mo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:8
23 Iomraidhean Croise  

Na minim, me Nyankopɔn, sɛ wo de, wosɔ koma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me de, me komam teeyɛ mu na mayi me yam mama eyinom nyinaa, na afei wo man a wohu wɔn ɛha yi nso, mede anigye mahu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo ade.


Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.


Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyide, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew.


Agyimisɛm tirimmɔ yɛ bɔne, na nnipa akyide ne ɔfɛwdifo.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne,


Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.


Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa?


Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?


Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne akyɛ gye Onyankopɔn nko ara?


Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.


Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo bo tutu, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo koma mu?


Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu?


Nanso ohuu wɔn adwene, enti osee onipa a ne nsa awu no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na ɔsɔre gyinae.


Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!


Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan