Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔsee obubuani no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu hunuu wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:5
28 Iomraidhean Croise  

Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.


Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.


Hwɛ, sɛ na m’asomdwoe nti, na wo na woayi me kra afi ɔsɛe amoa mu de afam wo ho, efisɛ wotow me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.


Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?


Na kyerɛwfo a wɔtete hɔ no mu binom dwennwenee wɔn koma mu sɛ:


Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!


Na ohuu wɔn gyidi no, osee no sɛ: Onipa, wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.


Eyi akyi no, Yesu huu no asɔrefi, na osee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na nea ɛyɛ bɔne sen eyi anyɛ wo.


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu,


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakra ne bɔne fakyɛ.


Eyi nti na wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔyareyare bebree wɔ mo mu, na bebree nso awuwu.


Na nea mode biribi kyɛ no no, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, nea mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ, Kristo anim,


Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde,


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.


Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan