Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛsiane nkurɔfokuo no nti, na wɔntumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɛdan a ɔwɔ mu no so; na wɔtuu tokuro de kɛtɛ a obubuani no da soɔ no faa mu gyaagyaa no too mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no, kɔtuu tokuro wɔ atifi. Wɔde obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:4
3 Iomraidhean Croise  

Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


Na nkurɔfokuw no nti wɔannya ɔkwan a wɔde no bɛfa so aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfinimfini Yesu anim.


Sɛ wusi dan foforo a, gye wo dan no atifi ban, na obi amfi hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodi amma wo dan no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan