Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:26 - KYERƐW KRONKRON

26 Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiatar bere so, na okodii kyerɛ abodoo a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

26 Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a obiara nni ho kwan sɛ ɔdie, gye asɔfoɔ nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 ne sɛdeɛ ɔkɔɔ Onyankopɔn efie, Ɔsɔfopanin Abiatar berɛ so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kɔdii burodo a wɔde abɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔdi, agye asɔfoɔ nko ara no pɛn? Na ɛno nso tia mmara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, ɔsɔfo panyin Abiatar bere so, na okodii kyerɛ abodoo a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara, na ɔmaa wɔn a wɔne no nam no bi nso no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:26
18 Iomraidhean Croise  

Na Abiatar bae na hwɛ, Sadok nso ni, a Lewifo nyinaa ka ne ho. Wɔso Onyankopɔn apam adaka no na wɔsoɛɛ Onyankopɔn adaka no sii hɔ, kosii sɛ ɔman no nyinaa fii kurow no mu twaam wiei ansa.


Ɛnna Sadok ne Abiatar de Onyankopɔn adaka no san baa Yerusalem na wɔbɛtenaa hɔ.


Na asɔfo Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte ahemfi no, ka kyerɛ ɔsɔfo Sadok ne Abiatar.


Na Seia ne ɔkyerɛwfo, na Sadok ne Abiatar ne asɔfo.


na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo, na Seraia ne ɔkyerɛwfo,


Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfo Abiatar na edi atirimsɛm, na wodii Adonigya akyi boaa no.


Na ɔhene Solomon bua ka kyerɛɛ ne na sɛ: Na adɛn nti na wubisa Sunamni Abisag ama Adonigya? Bisa ahenni no nso ma no, na ɔno ne me nua a ɔsen me panyin, bisa ma no ne ɔsɔfo Abiatar ne Seruia ba Yoab.


Yoiada ba Benaia di dɔm so, na Sadok ne Abiatar di asɔfo;


Na Netanel ba ɔkyerɛwfo Semaia a ofi Lewifo mu no kyerɛw wɔn din, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfo no ne Lewifo agyanom mu atitiriw no anim, wɔtwee agya fi biako maa Eleasar ansa na wɔtwee biako nso maa Itamar.


Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii Kyerɛ abodoo a ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wodi gye asɔfo nko ara no?


Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?


Na Dawid baa Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopo behyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nko nam na onipa bi nka wo ho yi?


Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe.


Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan