Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ankyɛre na nnipa bebree bɛhyɛɛ efie a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na nnipa pii behyiae a enti wɔansen abobow ano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:2
20 Iomraidhean Croise  

Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu, hwɛ, meremmua m’ano, AWURADE, wunim.


Na obuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:


Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.


Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano.


na wohuu no no, wosee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.


Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.


Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.


Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.


Bere no mu ara a nkurɔfokuw mpempem aboaboa wɔn ho ano na mpo wotiatia wɔn ho so no, ofii ase ka kyerɛɛ n’asuafo no kan sɛ: Monhwɛ mo ho so yiye Farisifo mmɔkaw a ɛne nyaatwom no ho!


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.


Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,


Na ɛbɛ no ni: Aba a wogu no ne Nyankopɔn asɛm.


Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.


Na wɔkaa asɛm no wɔ Perga no, wobeduu Atalia.


Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.


Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.


Na mmom ese dɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anom ne wo koma mu, (ɛne gyidi asɛm a yɛbɔ ho dawuru no).


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan