Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔsɔreeɛ, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ firii wɔn nyinaa anim kɔeɛ; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam kaa sɛ: Yɛnhunuu sei bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Obubuafoɔ yi sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, na ɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ faa nnipadɔm no mu kɔeɛ. Nnipa no ho dwirii wɔn, ma wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ, “Yɛnhunuu yei bi da!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 2:12
13 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?


ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.


Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel.


Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!


Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ.


Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ,


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkae sɛ: Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?


Efi wiase mfiase wɔntee sɛ obi abue nea wɔwoo no onifuraefo ani pɛn.


Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan