Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 16:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 16:6
23 Iomraidhean Croise  

Wo a woma yehuu amane bebree a ɛyɛ yaw, wobɛma yɛanya nkwa bio, na woatwe yɛn afi asase aku mu asan aba.


Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.


sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


na wɔagoru ne ho, na wɔatoto ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.


Na ɔfaa Petro ne Yakob ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase hiahiaa no, na ne ho yeraw no.


Na ntɛm ara a nkurɔfokuw no nyinaa huu no no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika bae bekyiaa no.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ, Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre afi awufo mu,


Ɔno na Onyankopɔn anyan no, na wasan owuyaw hama, efisɛ antumi anka no anhyɛ.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan