Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 16:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ade kyee a Homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo na Maria kɔtɔɔ nnuhuam se wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 16:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduru no sɛ wɔnhyɛ n'agya amu no aduru. Na wɔyɛɛ saa.


Na wosiee no n’asiei a ɔbɔre fae, Dawid kurow mu no mu. Na wɔde no too nnae a nnuhuam ahorow a wɔafra no adufrafo kwan so ayɛ so ma no so, na wɔhyew ɔhyew kɛse pa maa no.


Na ɔwɔ Betania, Simon kwatani fi. Na ɔtenaa ɔpon ho no, ɔbea bi a okura sradehuam toa, a ngo huamhuam a ne bo yɛ den wɔ mu bae, na ɔbɔɔ toa no hwie guu ne mpampam.


Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.


Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;


Na enya duu anwummere, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a edi homeda anim no nti,


Na Maria Magdalene ne Maria, Yose ne na, huu faako a wɔde no toe.


Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔbaa ɔda no so, na awia apue.


Na wofii adi ntɛm ara guan fii ɔda no ho; na ahopopo ne ahodwiriw aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; efisɛ na wosuro.


Na ɛda no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.


Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.


Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔkɔɔ ɔda no so, na wɔde nnuru huamhuam a wɔasiesie no bae.


Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.


Nso da no yɛ Ahosiesie da, na sɛnea ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, efisɛ, na saa homeda no yɛ da kɛse nti, Yudafo no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wonkobubu wɔn nnyawa na wonyi wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan