Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mowɔ ahiafoɔ mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, motumi yɛ wɔn yie; na me deɛ monni me daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:7
14 Iomraidhean Croise  

Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.


Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa.


Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.


Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ?


Na afei minni wiase bio, na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn.


a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu.


Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo brɛfo ne wo hiani a ɔwɔ w’asase so.


Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan