Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Yesu kaa sɛ: Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Yesu kaa sɛ: Monnyaa no! Adɛn na moreha no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Yesu kae sɛ: Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:6
23 Iomraidhean Croise  

Akode biara a wɔbɔ tia wo no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapade ne wɔn trenee a efi me no, AWURADE asɛm ni.


Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa.


Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi agye bɛboro denare ahasa, na wɔde ama ahiafo. Na wonwiinwii tiaa no.


Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, menni mo nkyɛn daa.


Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.


efisɛ ɛnyɛ nea oyi ne ho ayɛ na ɔfra, na mmom nea Awurade yi no ayɛ no.


Na Onyankopɔn betumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na ade nyinaa mu ne daa nyinaa moanya nea ɛdɔɔ mo so nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu,


ɔnkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow,


Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.


Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru,


Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn.


Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa.


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


onsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ nea ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan