Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ɔsane baa ne mprɛnsa so no, ɔbisaa wɔn sɛ. “Mogu so adeda a morehome? Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ mode da no atwam. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔbae ne mprɛnsa so, na osee wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:41
23 Iomraidhean Croise  

Na owigyinae no Elia yii wɔn ahii, na ɔkae sɛ: Momma mo nne so mfrɛ na onyame ne no! Sesɛɛ ɔredwen, anaasɛ wafi adi kogya n’anan, anaasɛ ɔnam kwan; ebia wada, na wanyan.


Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na obuaa no sɛ: Kɔ na kodi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.


Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifo ne wo na adiyifo no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.


Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.


Na mo, Israel fi, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monkɔ nkɔsom mo abosonhuhuw ɛ, na akyiri no, ampa ara, mubetie me, na moremfa mo ayɛyɛde ne mo abosonhuhuw no nhura me din kronkron no ho bio.


Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn.


Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo a mo ne me redidi yi, mo mu biako beyi me ama.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra kobutuw fam, na ɔbɔɔ mpae sɛ, sɛ ebetumi a, dɔn no ntwa ne ho nkɔ.


Na ɔsan bae behuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani pam so, na wonhu nea wɔmfa mmua no.


Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn!


Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so!


Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, na osee wɔn sɛ: Wɔde onipa ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wokum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.


Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,


Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Monkɔ nkosu mfrɛ anyame a moapaw wɔn no, na wonnye mo mo ahohia bere mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan