Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 14:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔteeɛ no, ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama, ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Asɔfoɔ mpanin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Ɛfiri saa ɛberɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya Yesu ho ɛkwan, ayi no ama ɛberɛ a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn anigye, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no sika bi, na ɔhwehwɛe sɛnea obenya kwan ayi no ama bere a ɛsɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 14:11
14 Iomraidhean Croise  

Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me koma ne wo ankɔ bere a ɔbarima no dan ne ho fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no? So bere a wogye dwetɛ na wogye ntade ne ngo nnua ne bobe nturo ne nguan ne anantwi ne nkoa ne mfanaa ni?


Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.


Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn


sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.


Na Yuda Iskariot, dumien no mu biako, siim kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn sɛ obeyi no ama wɔn.


Na Apiti da a edi kan a wokum Twam guan no, n’asuafo no bisaa no sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wokodi Twam no?


Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.


Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.


Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan