Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:8
21 Iomraidhean Croise  

Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman, ne kurow ne kurow, na Onyankopɔn de ahohia nyinaa tanee wɔn ani.


Nketenkete kitaa wɔn, ɛyaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔreko awo.


Na mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.


Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.


na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne abususɛm da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.


Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛn wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitiriw a, dɛn na wobɛka? So awoko renka wo sɛ ɔbea wofo anaa?


Wo a wote Lebanon na woayɛ wo berebuw nkyeneduru so no, sɛ ɛyaw ne awoko, sɛ ɔbaa wofo de ba wo so a, anka wobesi apini dɛn?


Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano.


Na mete nne a ɛte sɛ ɔbea a ɔko awo de, ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrebɔn awo de: Sion babea nne, osi apini, ɔtrɛw ne nsam sɛ: Minnue! Na me kra atɔ awudifo nsam beraw.


Damasko agurow, adan ne ho rebeguan; nketenkete akyere no, ahohia ne yaw akita no sɛ ɔbaa a ɔwɔ awo mu.


Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu.


Yɛate wɔn nka, yɛn nsam agow, yɛn ho yeraw yɛn, awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofo de.


na mebutuw ahenni nhengua, na masɛe amanaman ahenni ahoɔden, na mebutuw nteaseɛnam ne emutefo, na apɔnkɔ ne wɔn sotefo ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afoa ano.


Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa.


Na eyinom nyinaa ne awoko yaw mfiase.


Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui.


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no.


Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.


Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan