Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:13
19 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.


Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Na nea obegyina mu akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.


Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti.


Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.


Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan