Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Mogye di sɛ, sɛ afu wura no ba a ɛdeɛn na ɔbɛyɛ akuafoɔ no? Ɔbɛba abɛkum wɔn, na ɔde afuo no ama nnipa foforɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:9
33 Iomraidhean Croise  

So ɛnyɛ kakraa bi na aka na Lebanon adan nnuaba turo, na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwae?


Na mubegyaw mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mapaw wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bekum wo, na wato ne nkoa din foforo,


Me bepɔw ne ɛho asase, mede w’ahode ne w’akorade nyinaa mɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.


Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.


Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.


Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.


Na wɔfaa no kum no twee no fii bobe turom hɔ tow no kyenee.


Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!


Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ: Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me, na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyi kwan.


Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan