Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na akuafo no de, wosisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; mommra mma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na akuafoɔ no deɛ, wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; mommra mma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na akuafoɔ no deɛ, wɔsesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; mommra mma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Nanso, ɛberɛ a akuafoɔ no hunuu no sɛ ɔreba no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no. Momma yɛnkum no, na agyapadeɛ no ayɛ yɛn dea!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na akuafo no de, wosisee wɔn ho sɛ: Ɔdedifo no ni; mommra mma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:7
18 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie.


Saa na AWURADE, Israel dimafo, ne kronkronni no ka kyerɛ nea wobu ne kra animtiaa, nea ɔman kyi no, nea ɔyɛ nhyɛsofo akoa no sɛ: Ahene behu, na wɔasɔresɔre, asafohene nso na wɔakotow asɔre, AWURADE a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel kronkronni a ɔpaw wo no ntia.


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.


Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe.


Nanso na aka obiako, ne ba a ɔdɔ no; na akyiri no, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.


Na wɔfaa no kum no twee no fii bobe turom hɔ tow no kyenee.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn so.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan