Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔfaa no hwee no maa no nam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, akuafoɔ no boroo no, ma ɔde ne nsapan sane kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:3
29 Iomraidhean Croise  

So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no?


na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.


Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.


Na ose: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfo agyaw w’apam: W’afɔremuka no, wɔadwiridwiriw, na w’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.


na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.


Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.


Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.


Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.


Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.


Pashur boroo odiyifo Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛse a ɛwɔ soro, AWURADE fi mu no mu.


AWURADE ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada ananmu, sɛ monye ahwɛfo nhwɛ AWURADE fi ntia obiara a wabɔ dam na ɔhyɛ nkɔm, na woato no dua mu ne ɔdan mu nti,


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!


Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.


Na bio ɔsomaa akoa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔbobɔɔ no piraa no wɔ ne tirim, guu n’anim ase.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan