Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛberɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ, ɔnkɔgye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔte no, ɔsomaa ne ho onipa bi sɛ ɔnkɔgye ne kyɛfa mmrɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na bere no dui no, ɔsomaa akoa kɔɔ akuafo no nkyɛn sɛ onkogye bobe turom aduaba no bi akuafo no hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:2
18 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


a wonam wo nkoa adiyifo no so hyɛe sɛ: Asase a morekɔ akodi so no yɛ asase a ɛho akum, nsaase so aman figu no mu, wɔ akyide a wɔde ayɛ so ma fi ano akɔpem ano, wɔn afide mu no nti.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.


Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


Na mesomaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn, mitua ahema mesoma sɛ: Monnyɛ akyide a ɛyɛ me tan yi bi.


Minnue, na mayɛ sɛ nnuabatew, sɛ bobe aba mpɛpɛwadi, bobe kasiaw a medi, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.


So ɛnyɛ nsɛm yi na Awurade nam kan adiyifo no so ma wɔpaee mu kae, bere a Yerusalem da so wɔ hɔ a wɔte mu na emu dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na wɔtete anafo fam ne tataw so no anaa?


Na aduaba bere dui no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofo no nkyɛn sɛ wonkogye n’aduaba mmra.


Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata.


Na wɔfaa no hwee no ma ɔnam nsapan kɔe.


Na nea onnim na ɔyɛ ahwede no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na nea wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wobebisa no nea ɛboro so.


Na bere no dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn, sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafo no hwee no ma ɔnam nsansa kɔe.


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan