Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se: “ ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:10
17 Iomraidhean Croise  

Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion, ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ, twea bo a ne bo yɛ den a etim hɔ tim pa ara, nea ogye di no renguan.


Na osee wɔn sɛ: Monkenkanee nea Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?


Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn,


na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa?


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkan kyerɛw nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ twea tibo; eyi fi Awurade, na ɛyɛ nwonwa yɛn ani so?


Na ɛfa awufo sɔre ho de, monnkenkan nea Onyankopɔn kaa no pɛn sɛ:


Na ɛfa awufo nyan ho de, monkanee Mose nhoma mu, wɔ nwura no ho, sɛnea Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?


Dɛn na bobe turo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafo no, na ɔde bobe turo no ama afoforo.


Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;


Na osee wɔn sɛ: Monkenkan nea Dawid yɛe bere a ehiaa no na ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkenkan nea ɔkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛe no?


sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan