Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 11:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yesu kɔduruu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefiri hɔ, ɛfiri sɛ, na onwunu redwo enti ɔne asuafoɔ dumienu no kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 11:11
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛn mu kɔhwɛ akyide bɔne a wɔreyɛ wɔ ha.


Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na ade sae no, ofii kurom hɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan