Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 11:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yerusalem, na wɔduruu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ no ho no, Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu, dii wɔn anim ɛkan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔbɛn Yerusalem, Betfage ne Betania wɔ Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 11:1
14 Iomraidhean Croise  

Na Dawid foroo Ngo-bepɔw, na ɔreforo no na ɔde su, na wakata ne ti na ɔnam anammɔn hunu mu; na nnipa a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti na wɔreforo no na wɔresu.


Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.


Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.


Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkyɛn wɔ ɔfa baabi bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ hɔ, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?


Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.


na osee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase! Na mudu hɔ pɛ a, mubehu afurum ba a wɔasa no hama a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra!


Na ɔte Ngo Bepɔw so asɔrefi ntentenso no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:


Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi,


Na ɔfrɛɛ dumien no baa ne nkyɛn, na ofii ase somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.


Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so.


Ɛno na wofii bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw a ɛbɛn Yerusalem bɛyɛ homeda kwan no so san kɔɔ Yerusalem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan