Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu hwɛɛ no dinn na ɔdɔɔ no, na osee no sɛ: Aka wo ade biako: Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade ɔsoro; na bra bedi m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:21
29 Iomraidhean Croise  

sɛ ɔbɛyɛ saa ade no, efisɛ Yakob babea no sɔ n'ani, na ɔwɔ anuonyam sen n'agya fifo nyinaa.


Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.


Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!


Na asɛm no nti omunae de awerɛhow kɔe; efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi.


na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Montɔn nea mowɔ mfa nyɛ adɔe, monyɛ sika nkotoku a ɛrenyɛ dedaw mfa, ɛne agyapade a ɛrensa da ɔsoro, nea owifo mma ho, na nwewee nsɛe no.


Na me nso mise mo sɛ: Momfa ahonyade a ɛnteɛ no bi so nya nnamfo, na sɛ ehia mo a, wɔagye mo akɔ daa afi no mu.


Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!


Na ɔbɛn no, ɔhwɛɛ kurow no sui wɔ so se:


Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na onni m’akyi.


Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


na wɔtɔn wɔn ahonyade ne wɔn nneɛma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛnea ehia obiara.


Na me de, mede anigye pii mɛhwere m’ade ne me ho mama mo kra. Na sɛ medɔ mo meboro so saa a, ɛfata sɛ mo dɔ sua sen me de?


Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.


Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.


Na nea obedi mmara nyinaa so na ɔbɛto biako no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.


Nanso mewɔ wo ho nsɛm kakra: Sɛ wowɔ nnipa bi wo hɔ a wokura Bileam nkyerɛkyerɛ mu, nea ɔkyerɛɛ Balak sɛ ɔnto Israel mma hintidua na wonni nam a wɔakum ama abosom na wɔmmɔ aguaman no.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbea Yesebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ aguaman na wonni nam a wɔakum ama abosom.


Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan