Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Farisifoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: Ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ɔgyaa ne yere anaa? Na wɔde resɔ no ahwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:2
25 Iomraidhean Croise  

Na metan awaregu, Awurade, Israel Nyankopɔn na ose, ne nea ɔde mmusu kata n’atade so, asafo Awurade na ose; enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo.


Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?


Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi.


Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?


Na wɔn mu biako a ɔyɛ mmarakyerɛfo bisaa no de sɔɔ no hwɛe sɛ:


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne.


Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na obua see wɔn sɛ: Dɛn na Mose hyɛɛ mo no?


Na Farisifo no bae, na wofii ase bisabisaa no nsɛm hwehwɛɛ ne nkyɛn sɛnkyerɛnne a efi soro de sɔɔ no hwɛe.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifo de, mohohoro kuruwa ne prɛte ho; na mo mu de, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.


Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.


Na akyerɛwfo ne Farisifo nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi na monom yi?


Nso akyerɛwfo ne Farisifo no tɛw no sɛ ɔbɛsa yare homeda anaa, na wɔanya no akɔtoto n’ano.


na Farisifo ne mmarakyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)


Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.


Na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim nea ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkyere no.


Farisifo no tee sɛ nkurɔfokuw no nwiinwii keka eyinom wɔ ne ho. Na Farisifo ne asɔfo mpanyin no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no.


Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?


Na eyi de, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase de ne nsatea kyerɛkyerɛw fam.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛnea wɔn mu binom yɛe, na awɔ kunkum wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan