Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:11
9 Iomraidhean Croise  

Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)


Na ɔwɔ ofie no, n’asuafo no bisaa no asɛm no ara bio.


Obiara a ogyaa ne yere na ɔware ɔfoforo no sɛe aware; na obiara a ɔware nea ne kunu agyaa no no sɛe aware.


Enti okunu no da so te ase no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ okunu no wu a, na wayi ne ho afi mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforo a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefo.


Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.


Na sɛ ofi ne fi kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,


Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan