Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no hɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:1
17 Iomraidhean Croise  

Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.


Na wɔdannan wɔn atiko kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔkyerɛkyerɛ wɔn, wotuaa ahema kyerɛkyerɛ wɔn, nanso wɔantie sɛ wobegye nteɛso.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.


Na Farisifo no ba bebisaa no sɛ ɔbarima wɔ ho kwan sɛ ogyaa ne yere anaa? Wɔde resɔ no ahwɛ.


Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi no, ɔkae sɛ: Adɛn na kyerɛwfo no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?


Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia!


Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ:


Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn?


Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.


Na wɔn gye a wonnye nni no yɛɛ no nwonwa. Na okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.


Na osiim kɔɔ Yordan agya noho bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtenaa hɔ.


Na ɛno akyi no, osee n’asuafo no sɛ: Momma yɛnkɔ Yudea bio!


Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan