Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:8
19 Iomraidhean Croise  

Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.


Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan asasebere a ɛma nnɔbae, na wɔabu asasebere a ɛma nnɔbae sɛ kwae;


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


Na eyi akyi no, mehwie me honhom magu ɔhonam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mpanyin asoso adae, na mo mmerante ahuhu anisoade,


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na ɔpaem kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama.


Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.


Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


Yohane buaa wɔn sɛ: Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini.


Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtena no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu.


sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


Na gyidifo a wofi twetiafo mu a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛde no agu amanaman mufo nso so;


sɛ Onyankopɔn se: Na ɛbɛba sɛ nna a edi akyiri no mu no mehwie me Honhom no magu honam nyinaa so, na mo mmammarima ne mo mmabea ahyɛ nkɔm, na mo mmerante ahuhu anisoade, na mo mpanyin asoso adae;


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na yɛn nyinaa nso, Yudafo oo, Helafo oo, nkoa oo, adehye oo, wɔbɔɔ yɛn asu Honhom koro no mu ma yɛbɛyɛɛ nipadua biako, na wɔmaa yɛn nyinaa nom honhom biako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan