Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:40 - KYERƐW KRONKRON

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotoo no, see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:40
20 Iomraidhean Croise  

So biribi yɛ AWURADE yɛna? Bere a mahyɛ no, mɛsan maba wo nkyɛn afedan sesɛɛ, na Sara anya ɔba.


Wɔmma emmua Yoab atifi ne n’agya fi nyinaa so nanso wɔmmma nea ne ho sen nsu bi, ne ɔkwatani ne nea otweri poma so, ne nea ɔtɔ nkrante ano ne nea aduan bɔ no, mmpa Yoab fi da.


Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so.


Na mmarima akwatafo baanan wɔ kurow no pon ano, na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn na yɛtete ha kosi sɛ yebewuwu?


Na Solomon ayɛ kɔbere sumpii bi de asi abangua no mfinimfini, ne ntwemu basafa abien ne fa, ne trɛw basafa abien ne fa na ne korɔn basafa biako ne fa, na okogyinaa so. Na ɔkotow ne nankoroma anim, Israel bagua no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kɔɔ ɔsoro,


Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.


Na woduu nkurɔfokuw no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotow no kae se:


Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.


Na ofii adi kɔɔ ɔkwan so no, obi tutuu mmirika bɛkotow n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


Na ɔtwee ne ho fii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a, ɛbɛtɔ no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae


Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.


Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan