Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:21
18 Iomraidhean Croise  

Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so,


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.


Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.


Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.


Na ɔsɔre fii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya noho; na nkurɔfo akuwakuw boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn bio, na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.


Na ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa adwodwo,


Na homeda dui no, ofii ase kyerɛkyerɛe hyiadan mu; na nnipa pii a wɔtee ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: Ɛhena na oyi nkonyaa nneɛma yi? Nyansa bɛn na wɔde ama no, na saa ahoɔdenne a ɔde ne nsa yɛ yi ase ne dɛn?


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ asamando.


Na ɔkyerɛkyerɛe hyiadan bi mu homeda.


Na ɔbaa Nasaret a wɔtetew no wɔ hɔ no, na homeda, sɛnea ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso!


Na sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔyɛɛ Kyerɛw nsɛm no ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu.


Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan