Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:15 - KYERƐW KRONKRON

15 Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔkaa sɛ: Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔkaa sɛ: Ɛberɛ no awie du, Nyankopɔn ahennie no abɛn. Monsakyera mo adwene, na monnye asɛmpa no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:15
17 Iomraidhean Croise  

Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Enti hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi ɔberɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn asɔn, na adapɛn aduosia abien, wɔbɛsan akyekye, mmorɔn ne afasu, nanso ahohiahia bere mu na ɛbɛyɛ.


Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Efi saa bere no, Yesu fii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


Na monsa emu ayarefo yare, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.


na afei wɔayi no adi, na wɔnam adiyifo kyerɛw nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufo, sɛnea daa Nyankopɔn hyɛ no te, ama osetie a ɛde kɔ gyidi mu,


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.


a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa, — sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu.


na ɛbere a ɛsɛ mu, oyii n’asɛm adi, asɛnka a wɔnam yɛn agyenkwa Onyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan