Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔdii ɛserɛ so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfoɔ bɛsomm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:13
13 Iomraidhean Croise  

Na Mose kɔɔ omununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔw no so; na Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo.


Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔkyerɛw apam nsɛm no, nsɛm du no, apon no so.


Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho?


Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.


Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no san fii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ sare so.


Na adaduanan awia ne anadwo no wiee du no, AWURADE de abopon abien, apam apon no, maa me,


Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kan no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛe nyinaa, sɛ moyɛɛ nea enye AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuw no nti.


Na mehwee AWURADE anim ase adaduanan ne anadwo aduanan; na mehwee ase, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo;


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ na onni tema mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan