Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛnne bi firi soro baa sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 1:11
19 Iomraidhean Croise  

Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.


Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na ɛnne bi fi mununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me ba a mayi no, muntie no!


Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban;


na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade


sɛ wayi yɛn afi sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahenni mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan