Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:8
25 Iomraidhean Croise  

Na Isak duaa mfude wɔ asase no so, na onyaa nnɔbae mmɔho ɔha afirihyia no ara mu, na Awurade hyiraa no.


Aso a ɛte ne aniwa a ehu, AWURADE na ɔyɛɛ n’abien nyinaa.


Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na ntease ma ne nne so?


Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na ɔkasa.


Na AWURADE asoma ne nkoa adiyifo nyinaa aba mo nkyɛn, otuaa ahema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.


Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!


Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.


Na eyinom ne wɔn a woguu wɔn wɔ asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wogye, na wɔsow aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.


Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!


Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.


(Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!)


Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!


Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no ne no fifii, na emiaa no.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


na moanantew sɛnea ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moasow adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyin akɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu,


Sɛ obi wɔ aso a, ontie.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, owuprenu renka no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan