Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode efie sohwɛfoɔ panin yere, ne Susana. Saa mmaa yi ne afoforɔ bi na wɔfiri wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:3
19 Iomraidhean Croise  

Na hena ne me, na hena ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yebeyi yɛn yam ama ade sɛɛ yi? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.


na n’aguade ne n’apaade bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetiri, na wɔrentia; na n’aguade bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no de, na wɔadi amee, na wɔafura ntama pa.


Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka,


Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.


Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.


Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.


Na mmea bebree wɔ hɔ a wogyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na wodii Yesu akyi fi Galilea som no;


Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakob ne na Maria ne mmea a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa eyinom kyerɛɛ asomafo no.


Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo.


Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi.


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan