Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi no, Yesu ne nʼasuafoɔ dumienu no kyinkyinii Galilea nkuro ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:1
18 Iomraidhean Croise  

Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu.


Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa yare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.


Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.


Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefi na ɔreka asɛmpa no, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne mpanyimfo no baa no so,


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,


Na wosiim hɔ faa nkuraa nyinaa ase mmiako mmiako kaa asɛmpa no, na wɔsaa yare baabiara.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na yɛn de, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa,


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan