Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafoɔ bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ, ‘Bra’ a, ɔba. Na mehyɛ me ɔsomfoɔ sɛ, ‘Yɛ yei’ a, ɔyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:8
12 Iomraidhean Croise  

enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den.


Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ.


Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.


Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare.


Klaudio Lisia de eyi kyia amrado pa Felike.


Ɛnna asraafo no faa Paulo, sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no.


Na ɔhyɛɛ asraafo ha so panyin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribi, na ne ho nnipa no bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.


Nanso minni ne ho asɛm pa bi a mɛkyerɛw makɔma owura; enti na mede no maba mo anim, ne titiriw no, ɔhene Agripa, anim, na sɛ wonya hu asɛm no mu a, manya biribi makyerɛw.


Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn mu, sɛ wɔn a wosuro Awurade.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan