Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me ɔsomfoɔ no ho bɛyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:7
10 Iomraidhean Croise  

Ɔmaa n’asɛm bɛsaa wɔn yare, na oyii wɔn fii wɔn amoa mu.


na ɔno na ɔka a, ɛbamu, ɔno na ɔhyɛ a, egyina hɔ.


na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Asɛm bɛn ni, sɛ ɔde ahoɔden ne tumi hyɛ ahonhom fi ma wofi adi yi?


Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe.


Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn ofi no ho no, asraafo ha so panyin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn besee no sɛ: Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase;


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.


Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.


AWURADE na okum, na ɔma nkwa; ɔma wosian kɔ asaman na ɔma wɔforo fi adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan